Bible

Genesis Chapter 1
?

11 Asamando ne ɔsɛeɛ amena wɔ AWURADE anim, na nkantom nnipa mma akoma.

nan nan sentiment

12 Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn.

nan nan sentiment

13 Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.

nan nan sentiment

14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm.

nan nan sentiment

15 Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne, na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.

nan nan sentiment

16 AWURADE suro mu ade ketewa yɛ sene ahodeɛ pii a ɔhaw bata ho.

nan nan sentiment

17 Ɛfan aduane a ɔdɔ wɔ mu yɛ sene nantwie a wadɔ na ɔtane wɔ mu.

nan nan sentiment

18 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.

nan nan sentiment

19 Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee.

nan nan sentiment

20 Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na onipa kwasea deɛ ɔbu ne na animtia.

nan nan sentiment