Bible

Genesis Chapter 1
?

1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

nan nan sentiment

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu[1] nsuo no ani.

nan nan sentiment

3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.

nan nan sentiment

4 Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu.

nan nan sentiment

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.

nan nan sentiment

6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.

nan nan sentiment

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.

nan nan sentiment

8 Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.

nan nan sentiment

9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa.

nan nan sentiment

10 Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

nan nan sentiment